Dwom 58:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nnebɔneyɛfo yɛ akɔntɔnkyefo fi awotwaa mu;+Wɔyera kwan fi ɔyafunu mu tɔnn;Wodi atoro.+ Mmebusɛm 22:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho;+ nteɛso abaa na ebeyi afi ne ho akɔ akyirikyiri.+ Mateo 7:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Saa nso na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne biara sow aba bɔne;+ Luka 1:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Yehowa anim.+ Nanso ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa ne nsãden biara,+ na honhom kronkron bɛyɛ no mã fi ne maame yafunu mu pɛɛ;+
15 efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Yehowa anim.+ Nanso ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa ne nsãden biara,+ na honhom kronkron bɛyɛ no mã fi ne maame yafunu mu pɛɛ;+