Mmebusɛm 6:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Nanso sɛ wɔkyere no a, ɔbɛbɔ dekode no ho mpɛn ason; ɔde n’ahode a ɛwɔ ne fie nyinaa bɛma.+ Ɔsɛnkafo 11:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Aberante, ma w’ani nnye+ wo mmeranteberem, na ma wo koma nhu anigye wo mmabunberem, na nantew wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu.+ Nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho na nokware Nyankopɔn bebu wo atɛn.+ Kwadwom 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Ɔde mmosea abubu me sẽ.+ Wabrɛ me ase nsõ+ mu.
9 Aberante, ma w’ani nnye+ wo mmeranteberem, na ma wo koma nhu anigye wo mmabunberem, na nantew wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu.+ Nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho na nokware Nyankopɔn bebu wo atɛn.+