Dwom 111:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa suro ne nyansa mfiase.+ ש [Sin]Wɔn a wodi n’ahyɛde so nyinaa nya ntease pa.+ ת [Taw]N’ayeyi tim hɔ daa.+ Mmebusɛm 15:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Yehowa suro mu ade ketewa ye+ sen adedodow a ɔhaw bata ho.+ Asomafo Nnwuma 9:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Nokwasɛm ni, saa bere no asafo+ a ɛwowɔ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwoe, na wɔyɛɛ den; na bere a wɔde Yehowa+ suro ne honhom kronkron+ no awerɛkyekye nantewee no, wɔkɔɔ so dɔe. 2 Korintofo 7:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Adɔfo, esiane sɛ yɛwɔ bɔhyɛ+ ahorow yi nti, momma yɛnhohoro yɛn ho+ mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho,+ na yɛn ahotew adi mũ Onyankopɔn suro+ mu. 1 Petro 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra bere a mode te ase sɛ ahɔho no.+
10 Yehowa suro ne nyansa mfiase.+ ש [Sin]Wɔn a wodi n’ahyɛde so nyinaa nya ntease pa.+ ת [Taw]N’ayeyi tim hɔ daa.+
31 Nokwasɛm ni, saa bere no asafo+ a ɛwowɔ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwoe, na wɔyɛɛ den; na bere a wɔde Yehowa+ suro ne honhom kronkron+ no awerɛkyekye nantewee no, wɔkɔɔ so dɔe.
7 Adɔfo, esiane sɛ yɛwɔ bɔhyɛ+ ahorow yi nti, momma yɛnhohoro yɛn ho+ mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho,+ na yɛn ahotew adi mũ Onyankopɔn suro+ mu.
17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra bere a mode te ase sɛ ahɔho no.+