16 Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ?+ Na yɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asɔrefie,+ sɛnea Onyankopɔn kae no sɛ: “Mɛtena wɔn mu,+ na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.”+
4 Ɔnam eyinom so ama yɛn bɔhyɛ akɛseakɛse a ɛsom bo+ kwa, na bere a moatumi aguan afi wiase porɔwee+ a akɔnnɔ de ba ho no, moafa eyinom so anya Onyankopɔn+ su+ no bi.