2 Petro
1 Simon Petro, Yesu Kristo akoa+ ne ɔsomafo,+ de kɔma wɔn a wɔanya gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn de no ara+ wɔ yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo+ trenee+ mu:
2 Adom ne asomdwoe mfa Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nokware nimdeɛ+ so nnɔɔso mma mo,+ 3 sɛnea Onyankopɔn nam ne tumi so ama yɛn biribiara a ɛfa nkwa+ ne onyamesom pa+ ho kwa no, nea ɔnam anuonyam+ ne ɔbra pa so frɛɛ+ yɛn no ho nokware nimdeɛ so. 4 Ɔnam eyinom so ama yɛn bɔhyɛ akɛseakɛse a ɛsom bo+ kwa, na bere a moatumi aguan afi wiase porɔwee+ a akɔnnɔ de ba ho no, moafa eyinom so anya Onyankopɔn+ su+ no bi.
5 Yiw, esiane eyi nti, mo nso monyɛ nea mubetumi biara+ mfa ɔbra pa+ nka mo gyidi ho, na momfa nimdeɛ+ nka ɔbra pa ho; 6 momfa ahosodi nka mo nimdeɛ ho, momfa boasetɔ nka mo ahosodi+ ho, na momfa onyamesom pa+ nka mo boasetɔ ho; 7 momfa onuadɔ nka mo nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ amapa nka mo nuadɔ ho.+ 8 Na sɛ eyinom nyinaa wɔ mo mu ma ebu so a, ɛremma monyɛ mmerɛw anaa wɔn a wɔnsow aba+ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ ho.
9 Na obiara a eyinom nni no mu no, na n’ani afura, ɔmpɛ sɛ ohu hann no,+ na ne werɛ afi+ sɛ wɔahohoro ne ho+ afi bɔne a wayɛ atwam no ho. 10 Eyi nti, anuanom, monyɛ nea mubetumi biara mma frɛ a wɔafrɛ+ mo ne paw a wɔapaw+ mo no nni mu; na sɛ mokɔ so yɛ saa a, morenhwe ase da.+ 11 Nokwasɛm ni, ɛbɛma moanya hokwan kɛse+ akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa+ ahenni no mu.+
12 Eyi nti mede bɛyɛ me su sɛ mɛkae+ mo eyinom daa, ɛwom sɛ munim na mugyina nokware+ a ɛwɔ mo mu+ no mu pintinn de. 13 Nanso mpɛn dodow a mewɔ ntamadan+ yi mu de, mihu sɛ ɛteɛ sɛ mekaakae mo de kanyan mo,+ 14 na minim sɛ ɛrenkyɛ koraa na mapa me ntamadan yi agu baabi+ sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo nso daa no adi kyerɛɛ me no.+ 15 Enti bere nyinaa mɛyɛ nea metumi biara na sɛ mekɔ a,+ mo ankasa moatumi akae eyinom.
16 Ɛnyɛ atosɛm+ bi a wɔanwene no anifere kwan so akyi na yedii bere a yɛkyerɛɛ mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne mmae no,+ na mmom yɛn ani ankasa na yɛde huu n’anuonyam.+ 17 Na onyaa nidi ne anuonyam+ fii Agya Onyankopɔn hɔ bere a anuonyam kɛse no kaa nsɛm te sɛ eyi kyerɛɛ no no: “Oyi ne me ba a medɔ no na migye no tom.”+ 18 Eyi ne nsɛm a yɛte+ fii ɔsoro bere a na yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no.+
19 Enti wɔahyɛ nkɔmhyɛsɛm+ no mu den+ ama yɛn; na eye sɛ moama mo ani aku ho sɛ kanea+ a ɛhyerɛn sum mu wɔ mo komam kosi sɛ ade bɛkye ma adekyee nsoromma+ apue. 20 Na nea edi kan koraa no, munim sɛ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ biara nni hɔ a efi nnipa nkyerɛase mu.+ 21 Na nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da,+ na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae+ sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.+