Deuteronomium 18:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Mmom Yehowa wo Nyankopɔn beyi odiyifo te sɛ me afi wo nuanom mu ama wo; ɔno na muntie no.+ Daniel 7:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɔno na wɔde tumi+ ne anuonyam+ ne ahenni+ maa no sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea wɔrensɛe no da.+ Malaki 4:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Hwɛ, meresoma odiyifo Elia+ aba mo nkyɛn ansa na Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no aba.+
14 Ɔno na wɔde tumi+ ne anuonyam+ ne ahenni+ maa no sɛ aman, nkurɔfo ne kasa horow nyinaa nsom no.+ Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea wɔrensɛe no da.+