Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dwom 2:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  6 Ɔbɛka sɛ: “Me na masi me hene+

      Wɔ Sion,+ me bepɔw kronkron no so.”+

  • Dwom 8:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  6 Woama odi wo nsa ano nnwuma so;+

      Na wode biribiara agu ne nan ase:+

  • Dwom 89:27
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 Mede no bɛyɛ abakan,+

      Na ɔbɛyɛ asase so ahene mu pumpuni.+

  • Dwom 110:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  2 W’ahoɔden poma no,+ Yehowa bɛsoma afi Sion,+ na waka sɛ:

      “Kɔ w’atamfo mfinimfini kodi wɔn so.”+

  • Yesaia 9:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Wɔawo akokoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahenni bɛda ne mmati so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoe Hene.+

  • Mateo 28:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Na Yesu twiw bɛn wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde tumi nyinaa+ ama me wɔ ɔsoro ne asase so.

  • Luka 10:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 M’Agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa,+ na obiara nnim onii a Ɔba no yɛ, gye Agya+ no; na obiara nnim onii a Agya no yɛ, gye Ɔba+ no ne nea ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no.”

  • 1 Korintofo 15:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ Onyankopɔn de atamfo nyinaa begu ne nan ase.+

  • Efesofo 1:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Ɔde nneɛma nyinaa nso guu ne nan ase,+ na ɔyɛɛ no nneɛma nyinaa ti+ maa asafo no;

  • Adiyisɛm 3:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Nea odi nkonim no,+ mɛma ɔne me atena m’ahengua so,+ sɛnea me nso midii nkonim na me ne m’Agya tenaa+ n’ahengua+ so no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena