Mateo
28 Homeda no akyi, nnawɔtwe no da a edi kan a anim retetew no, Maria Magdalene ne Maria biako no kɔhwɛɛ ɔda no.+
2 Na hwɛ! na asasewosow kɛse bi asi, efisɛ na Yehowa bɔfo fi soro asian abemunum ɔbo no afi hɔ, na ɔte so.+ 3 Ná ne ho te sɛ anyinam,+ na n’atade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.+ 4 Yiw, ne ho hu maa awɛmfo no ho popoe na wɔyɛe sɛ nea wɔawuwu.
5 Na ɔbɔfo+ no bua see mmea no sɛ: “Munnsuro, na minim sɛ morehwehwɛ Yesu+ a wɔbɔɔ no asɛndua mu no. 6 Onni ha, na wɔanyan+ no sɛnea ɔkae no. Mommra, monhwɛ faako a na ɔda no. 7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo no sɛ wanyan+ afi awufo mu, na hwɛ! ɔredi mo anim akɔ Galilea;+ ɛhɔ na mubehu no. Hwɛ! Maka akyerɛ mo.”+
8 Enti, wofii ɔda no so ntɛm ara, na wɔde ehu ne anigye kɛse tuu mmirika kɔbɔɔ n’asuafo no amanneɛ.+ 9 Na hwɛ! Yesu hyiaa wɔn kae sɛ: “Asomdwoe nka mo!” Wɔkɔɔ ne nkyɛn kosoo ne nan mu kotow no. 10 Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ+ sɛ wɔnkɔ Galilea, na wobehu me wɔ hɔ.”
11 Bere a wɔnam kwan so rekɔ no, hwɛ! awɛmfo+ no bi kɔɔ kurow no mu kɔkaa nea asi nyinaa kyerɛɛ asɔfo mpanyin no. 12 Na bere a eyinom ne mpanyimfo no hyiae na wɔbɔɔ pɔw no, wɔmaa asraafo no nwetɛbona bebree+ 13 na wɔkae sɛ: “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛadeda no, n’asuafo+ no bewiaa no.’ 14 Na sɛ edu amrado no asom a yɛbɛpa no kyɛw na moannya asɛm biara.” 15 Enti wogyee nnwetɛbona no yɛɛ sɛnea wɔakyerɛ wɔn no; na asɛm yi trɛwee Yudafo mu de besi nnɛ.
16 Na asuafo dubiako no kɔɔ Galilea,+ wɔ bepɔw a na Yesu akyerɛ wɔn no so, 17 na bere a wohuu no no wɔkotow no, nanso ebinom adwenem yɛɛ wɔn naa.+ 18 Na Yesu twiw bɛn wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde tumi nyinaa+ ama me wɔ ɔsoro ne asase so. 19 Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa+ m’asuafo,+ mommɔ wɔn asu+ Agya+ ne Ɔba+ ne honhom kronkron+ din mu, 20 monkyerɛkyerɛ+ wɔn mma wonni+ nea mahyɛ mo nyinaa so.+ Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ+ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.”+