Leviticus 19:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na munnni mmma onipa titiriw.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn. Deuteronomium 16:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano. Mmebusɛm 18:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Enye sɛ wobɛyɛ animhwɛ adi ama ɔbɔnefo,+ na woadan ɔtreneeni asɛm ani, atemmu mu.+ Yakobo 2:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Me nuanom, mukura Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn anuonyam+ no gyidi mu a animhwɛ+ ka ho anaa?
15 “‘Monhwɛ na moammu atɛnkyea. Sɛ moredi ohiani asɛm a, monnyɛ animhwɛ,+ na munnni mmma onipa titiriw.+ Momfa atɛmpa mmu mo yɔnko atɛn.
19 Mmu atɛnkyea.+ Nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmude, efisɛ adanmude fura anyansafo aniwa,+ na etumi ma treneefo sesa wɔn ano.