9 “Bere biara a wo ne wo mma bɛba ahyiae ntamadan no mu no, monnnom bobesa anaa mmosã+ foforo biara na moanwu. Eyi yɛ ahyɛde a mo ne mo nkyirimma bedi so daa,
15 Bere a abɔfo no hui sɛ ɛyɛ ɔhene asɛm no, wɔde ahoɔhare+ kɔe, na wɔhyɛɛ mmara no wɔ Susan+ abankɛse mu nso. Ɔhene ne Haman tenaa ase nom nsã,+ nanso na Susan+ kurow no mu ayɛ gyegyeegye.+
7 Eyinom nso, nsã ama wɔafom kwan, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem. Ɔsɔfo ne odiyifo+ nso, mmosã ama wɔafom kwan, nsã ama wɔn adwene atu afra, mmosã ama wɔde wɔn ti pempem.+ Wɔafom kwan wɔ adehu mu, na wohinhim wɔ gyinaesi mu.