Dwom 37:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm wɔ ne komam,+Na ne tɛkrɛma ka asɛntrenee.+ Mmebusɛm 11:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Ɔtreneeni aba yɛ nkwa dua,+ na nea onya akra no yɛ onyansafo.+ Mateo 12:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano mu de nneɛma pa ma,+ na nipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano mu de nneɛma bɔne ma.+ Yakobo 5:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 munhu sɛ nea ɔdan ɔbɔnefo fi ne kwammɔne so+ no begye ne kra afi owu mu+ na wakata bɔne pii so.+
35 Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano mu de nneɛma pa ma,+ na nipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano mu de nneɛma bɔne ma.+