Mmebusɛm 10:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Mfaso remma ɔbɔnefo ademude so,+ na trenee na ebegye onipa afi owu mu.+ Mmebusɛm 18:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den,+ ɛte sɛ ɔfasu a ɛyɛ den wɔ n’ani so.+ Hesekiel 7:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sika kɔkɔɔ bɛdan atantanne. Wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no.+ Wɔrentumi mma wɔn kra mmee, na wɔrenhyɛ wɔn yafunu mã, efisɛ ɛyɛ hintidua a ɛma wɔyɛ bɔne.+ Sefania 1:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no,+ na n’anibere gya mu na asase no nyinaa bɛhyew+ na ɔde ɔsɛe a ɛyɛ hu atɔre asase no sofo nyinaa ase.”+ Mateo 16:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?+ anaasɛ dɛn na obi de bɛsesa ne kra?+
19 “‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sika kɔkɔɔ bɛdan atantanne. Wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no.+ Wɔrentumi mma wɔn kra mmee, na wɔrenhyɛ wɔn yafunu mã, efisɛ ɛyɛ hintidua a ɛma wɔyɛ bɔne.+
18 Na wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no,+ na n’anibere gya mu na asase no nyinaa bɛhyew+ na ɔde ɔsɛe a ɛyɛ hu atɔre asase no sofo nyinaa ase.”+
26 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?+ anaasɛ dɛn na obi de bɛsesa ne kra?+