Mmebusɛm 11:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ahonyade so remma mfaso abufuw da,+ na trenee na ebegye onipa afi owu mu.+ Yesaia 2:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Saa da no, ɔdesani bɛtow ne dwetɛ anyamehunu ne ne sika abosonhuhuw a wɔayɛ ama no sɛ ɔnkotow wɔn no agu ama ofiam ne ampan.+ Hesekiel 7:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sika kɔkɔɔ bɛdan atantanne. Wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no.+ Wɔrentumi mma wɔn kra mmee, na wɔrenhyɛ wɔn yafunu mã, efisɛ ɛyɛ hintidua a ɛma wɔyɛ bɔne.+ Yakobo 5:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Afei muntie, mo adefo,+ munsu nkekaw mu ahohia a ɛreba mo so nti.+
20 Saa da no, ɔdesani bɛtow ne dwetɛ anyamehunu ne ne sika abosonhuhuw a wɔayɛ ama no sɛ ɔnkotow wɔn no agu ama ofiam ne ampan.+
19 “‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sika kɔkɔɔ bɛdan atantanne. Wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no.+ Wɔrentumi mma wɔn kra mmee, na wɔrenhyɛ wɔn yafunu mã, efisɛ ɛyɛ hintidua a ɛma wɔyɛ bɔne.+