14 Na ɔde Yerusalemfo nyinaa ne mmapɔmma+ no nyinaa ne mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den+ no nyinaa, ne adwumfo+ ne abantofo no nyinaa, nnipa mpem du, kɔɔ nkoasom mu.+ Wɔannyaw obiara gye asase no so mmɔborɔfo+ nko.
10 Na awɛmfo so panyin Nebusaradan gyaw asase no so mmɔborɔfo a wonni hwee no bi wɔ Yuda asase so.+ Ɛda no, ɔde bobe nturo maa wɔn, na wɔyɛɛ apaafo adwuma.+