Mmebusɛm 21:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ademude a wɔde atoro tɛkrɛma nya no yɛ mframa a ehuw kɔ+ ma wɔn a wɔhwehwɛ owu.+ Yeremia 17:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Nea onya ne ho nanso onnya no trenee so no,+ ɔte sɛ akokɔhwerew a ɔboaboa nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee ano; obebu ne nna mu fã na wagyaw biribiara,+ na awiei no, ɔbɛyɛ ɔkwasea.”+ Mika 6:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 So ademude a wɔbɔɔ apoo nyae no bi da so ara wɔ ɔbɔnefo fie?+ Na susude a wɔamia ho a ɛyɛ abusude nso ɛ?
11 Nea onya ne ho nanso onnya no trenee so no,+ ɔte sɛ akokɔhwerew a ɔboaboa nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee ano; obebu ne nna mu fã na wagyaw biribiara,+ na awiei no, ɔbɛyɛ ɔkwasea.”+
10 So ademude a wɔbɔɔ apoo nyae no bi da so ara wɔ ɔbɔnefo fie?+ Na susude a wɔamia ho a ɛyɛ abusude nso ɛ?