Mmebusɛm 16:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Koma mu nsusuwii yɛ ɔdesani dea,+ na tɛkrɛma mmuae fi Yehowa.+ Ɔsɛnkafo 10:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Onyansafo anom asɛm yɛ adom,+ na ɔkwasea ano de, ɛbɛmene no.+ Yesaia 57:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Yehowa aka sɛ: “Merebɔ anofafa aba.+ Nea ɔwɔ akyirikyiri ne nea ɔbɛn benya asomdwoe daa,+ na mɛsa no yare.”+ Hebrifo 13:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre+ daa, a ɛne anofafa aba+ a wɔde bɔ ne din wɔ baguam+ no.
19 Yehowa aka sɛ: “Merebɔ anofafa aba.+ Nea ɔwɔ akyirikyiri ne nea ɔbɛn benya asomdwoe daa,+ na mɛsa no yare.”+
15 Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre+ daa, a ɛne anofafa aba+ a wɔde bɔ ne din wɔ baguam+ no.