Exodus 4:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Hena na ɔyɛɛ ano maa onipa, na hena na ɔyɛ mum anaa ɔsotifo anaa nea ohu ade anaa onifuraefo? Ɛnyɛ me Yehowa?+ Yeremia 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɛnna Yehowa teɛɛ ne nsa de kaa m’ano.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, mede me nsɛm ahyɛ w’anom.+ Mateo 10:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 ɛnyɛ mo ankasa na mokasa, mmom mo Agya no honhom na ɛnam mo so kasa.+ Luka 12:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 na dɔn no ara mu honhom kronkron+ bɛkyerɛ mo nneɛma a ɛsɛ sɛ moka.”+ Luka 21:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 na mɛma mo ano ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa ntumi nnyina ano anaa wɔmmɔ ngu.+
11 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Hena na ɔyɛɛ ano maa onipa, na hena na ɔyɛ mum anaa ɔsotifo anaa nea ohu ade anaa onifuraefo? Ɛnyɛ me Yehowa?+