Deuteronomium 6:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 ne afie a nnepa ayɛ mu mã a ɛnyɛ wo na wode bae, ne mmura a wɔatu a ɛnyɛ wo na wutui, ne bobeturo ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na wuduae ma wo, na wudidi mee+ a, Hiob 27:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Obesiesie de, nanso ɔtreneeni na ɔbɛhyɛ,+Na dwetɛ no, nea ne ho nni asɛm na obedi. Mmebusɛm 13:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Onipa pa begyaw agyapade ama ne mma mma, na ɔbɔnefo ahonyade de, wɔkora so ma ɔtreneeni.+ Mmebusɛm 28:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nea ɔde mfɛntom+ ne nsiho nya ahode pii no boaboa ano ma nea ohu abrɛfo mmɔbɔ.+
11 ne afie a nnepa ayɛ mu mã a ɛnyɛ wo na wode bae, ne mmura a wɔatu a ɛnyɛ wo na wutui, ne bobeturo ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na wuduae ma wo, na wudidi mee+ a,