27 Na bere a owia kɔtɔe no, Yosua ma woyii wɔn fii nnua no so,+ na wɔkɔtow wɔn guu ɔbodan a wɔkɔhyɛɛ mu no mu. Na wɔde abo akɛse guu ɔbodan no ano besi nnɛ.
7 Ɔdan no ankasa de, bere a wɔresi no, wɔde abo a wɔapae+ ayɛ ho biribiara awie na esii; bere a wɔresi ɔdan no, wɔante asae anaa akuma anaa nnade biara nka wɔ fie hɔ.+