Dwom 30:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Woama m’awerɛhow adan asaw;+Woasan me ho atweaatam, na wode ahurusi abɔ me abɔso;+ Galatifo 5:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Afei honhom no aba+ ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ,+ gyidi, Yakobo 5:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Mo mu bi wɔ hɔ a amane bi ato no anaa? Ma ɔnkɔ so ara mmɔ mpae.+ Obi wɔ hɔ a ne ho atɔ no? Ma ɔnto ayeyi nnwom.+
13 Mo mu bi wɔ hɔ a amane bi ato no anaa? Ma ɔnkɔ so ara mmɔ mpae.+ Obi wɔ hɔ a ne ho atɔ no? Ma ɔnto ayeyi nnwom.+