18 Afei ɔhene ka kyerɛɛ Doeg+ sɛ: “Dan wo ho na tow hyɛ asɔfo no so!” Ɛhɔ ara na Edomni+ Doeg dan ne ho tow hyɛɛ asɔfo no so. Ɛda no, okunkum+ mmarima aduɔwɔtwe anum a wɔhyehyɛ nwera asɔfotade.+
34 Eyi nti, meresoma+ adiyifo ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo aba mo nkyɛn.+ Mubekum+ wɔn mu binom abɔ wɔn asɛndua mu, na mobɛka ebinom mpire+ mo hyia adan mu na moatan wɔn ani fi kurow so akɔ kurow so;
10 Na sɛ muhu amane kakra a,+ adom nyinaa Nyankopɔn a ɔfrɛɛ mo baa ne daa anuonyam mu+ wɔ Kristo mu+ no ankasa bewie mo ntetee, ɔbɛma mo ase atim,+ ɔbɛma moayɛ den.+