Mateo 24:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Ɛnna nkurɔfo beyi mo ama ahohia+ na wɔakum+ mo, na me din nti+ aman nyinaa bɛtan+ mo. Asomafo Nnwuma 8:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Saul nso penee kum a na wɔrekum no no so.+ Saa da no ɔtaa+ kɛse bi baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so; na wɔn nyinaa bɔ hwetee+ Yudea ne Samaria nsase nyinaa so ma ɛkaa asomafo no nkutoo. Asomafo Nnwuma 12:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɔde nkrante kum Yohane+ nua Yakobo.+ Asomafo Nnwuma 26:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na metwee wɔn aso mpɛn pii wɔ hyia adan+ nyinaa mu sɛnea wɔbɛka biribi de apo wɔn gyidi; na esiane m’ani a na abere wɔn so paa nti, mekɔɔ nkurow foforo so mpo kɔtaa wɔn wɔ hɔ.
8 Saul nso penee kum a na wɔrekum no no so.+ Saa da no ɔtaa+ kɛse bi baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so; na wɔn nyinaa bɔ hwetee+ Yudea ne Samaria nsase nyinaa so ma ɛkaa asomafo no nkutoo.
11 Na metwee wɔn aso mpɛn pii wɔ hyia adan+ nyinaa mu sɛnea wɔbɛka biribi de apo wɔn gyidi; na esiane m’ani a na abere wɔn so paa nti, mekɔɔ nkurow foforo so mpo kɔtaa wɔn wɔ hɔ.