66 Na da a ɛto so awotwe no, ogyaa ɔman no kwan,+ na wohyiraa ɔhene de anigye+ ne akomatɔyam+ kokɔɔ wɔn afie, adepa+ a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa nti.
24 Onipa wɔ hɔ yi, biribi pa bi nni hɔ mma no sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa, ne brɛ mu.+ Eyi nso mahu, na minim sɛ efi Onyankopɔn nsam.+