Mmebusɛm 13:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Onitefo yɛ n’ade nimdeɛ mu,+ na ɔkwasea trɛw nkwaseasɛm mu.+ Mmebusɛm 18:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɔkwasea ano na ɛsɛe no,+ na n’anom asɛm sum ne kra afiri.+ Mmebusɛm 29:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔkwasea yi n’abufuw nyinaa adi, na onyansafo dwudwo ne de kosi ase.+ Ɔsɛnkafo 5:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nneɛma a nnipa dwen ho pii na ɛde adaeso ba,+ na nsɛm bebrebe na ɛma wɔte ɔkwasea nne.+