1 Ahene 12:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Sɛnea mmerante no tuu no fo no, saa na ɔne wɔn kasae+ sɛ: “Sɛ me papa maa mo kɔndua yɛɛ duru a, me de, mede bi bɛka mo kɔndua no ho. Sɛ me papa de mpire na ɛhwee mo a, me de, mede nsɔe mpire na ɛbɛhwe mo.”+ Ester 3:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Eyinom akyi no, Ɔhene Ahasweros maa Agagni+ Hamedata ba Haman+ so hyɛɛ no anuonyam,+ na ɔmaa n’agua bɛyɛɛ kɛse sen mmapɔmma a wɔka ne ho nyinaa de.+ Mmebusɛm 28:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Sɛ treneefo di ahurusi a,+ ɛyɛ fɛ pii; na sɛ nnebɔneyɛfo sɔre a, nnipa sakra wɔn ho.+ Ɔsɛnkafo 4:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Abofra hiani nyansafo ye+ sen ɔhene akwakoraa gyimfo+ a ontie kɔkɔbɔ bio.+
14 Sɛnea mmerante no tuu no fo no, saa na ɔne wɔn kasae+ sɛ: “Sɛ me papa maa mo kɔndua yɛɛ duru a, me de, mede bi bɛka mo kɔndua no ho. Sɛ me papa de mpire na ɛhwee mo a, me de, mede nsɔe mpire na ɛbɛhwe mo.”+
3 Eyinom akyi no, Ɔhene Ahasweros maa Agagni+ Hamedata ba Haman+ so hyɛɛ no anuonyam,+ na ɔmaa n’agua bɛyɛɛ kɛse sen mmapɔmma a wɔka ne ho nyinaa de.+