Mmebusɛm 23:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɛno na wode w’ani ato so, bere a ɛyɛ adehunu?+ Efuw ntaban te sɛ ɔkɔre na etu kɔ wim.+ Mmebusɛm 27:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Adamoa* ne ɔsɛe amoa+ mmee da,+ na onipa aniwa nso mmee da.+ Ɔsɛnkafo 11:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Aberante, ma w’ani nnye+ wo mmeranteberem, na ma wo koma nhu anigye wo mmabunberem, na nantew wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu.+ Nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho na nokware Nyankopɔn bebu wo atɛn.+ 1 Yohane 2:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 efisɛ nea ɛwɔ wiase biara+—ɔhonam akɔnnɔ+ ne aniwa akɔnnɔ+ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho+—emfi Agya no, na mmom efi wiase.+
9 Aberante, ma w’ani nnye+ wo mmeranteberem, na ma wo koma nhu anigye wo mmabunberem, na nantew wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu.+ Nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho na nokware Nyankopɔn bebu wo atɛn.+
16 efisɛ nea ɛwɔ wiase biara+—ɔhonam akɔnnɔ+ ne aniwa akɔnnɔ+ ne asetena mu nneɛma a nnipa de hoahoa wɔn ho+—emfi Agya no, na mmom efi wiase.+