Yesaia 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Sɛ asafo Yehowa annyaw nkaefo kakra amma yɛn a,+ anka yɛayɛ sɛ Sodom na yɛadan sɛ Gomora.+ Yesaia 17:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na sɛ okuafo retwa nnɔbae na ɔpompan n’awi+ mpo a, ɔbɛyɛ sɛ obi a ɔresesaw awi ase wɔ Refaim bon mu.+ Yeremia 6:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nea asafo Yehowa aka ni: “Wɔbɛsesaw Israel nkae akɔ sɛnea wɔsesaw bobe ase no.+ Ma wo nsa nni akɔneaba sɛ obi a ɔretew bobe afi bobe dua so.” Hesekiel 6:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “‘“Na sɛ mobɔ hwete nsase so a, mɛma mo mu nkaefo bi aguan afi nkrante ano wɔ amanaman no mu.+ Mika 7:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Asɛm ato me,+ efisɛ me tebea ayɛ sɛ bere a wɔatew ahohuru bere mu nnuaba na wɔasesaw bobe ase nkae,+ nanso bobe a medi ne borɔdɔma a edi kan a me kra kɔn dɔ nyinaa abɔ me!+
5 Na sɛ okuafo retwa nnɔbae na ɔpompan n’awi+ mpo a, ɔbɛyɛ sɛ obi a ɔresesaw awi ase wɔ Refaim bon mu.+
9 Nea asafo Yehowa aka ni: “Wɔbɛsesaw Israel nkae akɔ sɛnea wɔsesaw bobe ase no.+ Ma wo nsa nni akɔneaba sɛ obi a ɔretew bobe afi bobe dua so.”
7 Asɛm ato me,+ efisɛ me tebea ayɛ sɛ bere a wɔatew ahohuru bere mu nnuaba na wɔasesaw bobe ase nkae,+ nanso bobe a medi ne borɔdɔma a edi kan a me kra kɔn dɔ nyinaa abɔ me!+