9 Ɔbea a wode asɛmpa ba Sion,+ foro kɔ bepɔw tenten so.+ Ɔbea a wode asɛmpa ba Yerusalem, ma wo nne so denneennen.+ Ma so. Nsuro.+ Ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: “Mo Nyankopɔn ni.”+
12 Na wɔbɛba abɛto ahurusi dwom Sion bepɔw so+ na wɔabɔ ose Yehowa papayɛ ho,+ awi ne nsã+ foforo ne ngo ne nguammaa ne anantwi+ ho. Wɔn akra bɛyɛ sɛ turo a enya nsu pii,+ na wɔrentotɔ piti bio.”+