Dwom 25:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yehowa ye na ɔteɛ.+Ɛno nti na ɔkyerɛkyerɛ abɔnefo ɔkwantrenee so.+ Sakaria 9:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Hwɛ sɛnea ne papayɛ sõ fa,+ na hwɛ sɛnea ne ho yɛ fɛ fa!+ Aduan bɛma mmerante ayɛ frɔmfrɔm na nsã foforo ama mmaabun ho ayɛ fɛ.”+ Marko 10:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na wofrɛ me papa?+ Obiara nyɛ papa gye obiako pɛ, Onyankopɔn.+
17 Hwɛ sɛnea ne papayɛ sõ fa,+ na hwɛ sɛnea ne ho yɛ fɛ fa!+ Aduan bɛma mmerante ayɛ frɔmfrɔm na nsã foforo ama mmaabun ho ayɛ fɛ.”+