Exodus 15:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+ Esra 9:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, woteɛ,+ efisɛ yɛafi mu aka de abesi nnɛ da yi. Yɛwɔ w’anim yɛn asodi+ mu; asɛm yi nti, obiara ntumi nnyina w’anim.”+ Dwom 145:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wɔbɛka wo papayɛ bebrebe no ho nsɛm pii,+Na wo trenee nti wɔbɛto ahurusi dwom.+ Adiyisɛm 15:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+ Adiyisɛm 19:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.+ Na wabu aguaman kɛse a ɔde n’aguamammɔ sɛee asase no atɛn, na wama watua ne nkoa mogya so ka.”+
11 Anyame mu hena na ɔte sɛ wo, O Yehowa?+Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Nea ɛsɛ sɛ wosuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ nea ɔyɛ anwonwade.+
15 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, woteɛ,+ efisɛ yɛafi mu aka de abesi nnɛ da yi. Yɛwɔ w’anim yɛn asodi+ mu; asɛm yi nti, obiara ntumi nnyina w’anim.”+
3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+
2 efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.+ Na wabu aguaman kɛse a ɔde n’aguamammɔ sɛee asase no atɛn, na wama watua ne nkoa mogya so ka.”+