Dwom 40:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn,+O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwonwadwuma ne w’adwene;+Wɔrentumi mfa obiara nto wo ho.+ Sɛ mise mereka ɛho asɛm na makasa ho a,Ɛdɔɔso sen nea metumi akan.+ Dwom 98:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 98 Monto dwom foforo mma Yehowa,+Na nneɛma a wayɛ no yɛ nwonwa.+Ne nsa nifa, ne basa kronkron no, ayɛ nkwagye adwuma ama no.+ Dwom 107:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Momma wɔnna Yehowa ase, n’adɔe+Ne anwonwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.+ Dwom 145:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Awo ntoatoaso akyi awo ntoatoaso bɛkamfo wo nnwuma,+Na wɔbɛka wo nnwuma akɛse no ho asɛm.+
5 Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn,+O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwonwadwuma ne w’adwene;+Wɔrentumi mfa obiara nto wo ho.+ Sɛ mise mereka ɛho asɛm na makasa ho a,Ɛdɔɔso sen nea metumi akan.+
98 Monto dwom foforo mma Yehowa,+Na nneɛma a wayɛ no yɛ nwonwa.+Ne nsa nifa, ne basa kronkron no, ayɛ nkwagye adwuma ama no.+