Deuteronomium 32:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+ Nehemia 9:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Woteɛ+ wɔ nea aba yɛn so nyinaa mu, efisɛ woadi nokware+ wɔ nea woayɛ mu, na yɛn na yɛayɛ bɔne.+ Dwom 89:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 O Yehowa, ɔsoro bɛkamfo anwonwade a woayɛ,+Na wo nokwaredi nso, wɔbɛkamfo wɔ akronkronfo asafo mu.
4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+