24 Na sɛnea ogya di buronan+ na ogyaframa mene sare a awo no, saa ara na wɔn ntini bɛporɔw abɔn+ na wɔn nhwiren ahuw akɔ sɛ mfutuma, efisɛ wɔapo asafo Yehowa mmara,+ na wɔmfa Israel Kronkronni no asɛm nyɛ hwee.+
4 “Nea Yehowa aka ni, ‘Yuda+ bɔne a ɛto so abiɛsa ne nea ɛto so anan nti, merentwe nsan, efisɛ wɔpoo Yehowa mmara,+ na wɔanni n’ahyɛde so, na wɔn atoro+ ma wɔyerae, atoro a wɔn agyanom dii akyi no.+