Deuteronomium 32:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+ Dwom 18:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Hena ne Onyankopɔn sɛ Yehowa?+Na hena ne ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?+ Dwom 95:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 95 Mommra ɛ, momma yɛnto ahurusi dwom mma Yehowa!+Momma yɛmmɔ yɛn nkwagye Botan no ose.+ Yesaia 26:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Momfa mo ho nto Yehowa so daa,+ efisɛ Yah Yehowa mu na yɛn daa Botan+ wɔ.
4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+