1 Beresosɛm 16:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Nidi ne anuonyam wɔ n’anim;+Ahoɔden ne anigye wɔ ne tenabea.+ Dwom 29:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Yehowa nne mu wɔ ahoɔden;+Yehowa nne mu wɔ anuonyam.+ Dwom 104:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 104 O me kra, hyira Yehowa.+O Yehowa me Nyankopɔn, woyɛ kɛse paa.+Nidi ne anuonyam na wufura.+ Dwom 145:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 W’anuonyam ne wo nidi a ɛhyerɛn+Ne w’anwonwadwuma ho nsɛm na medwinnwen ho.+