2 Beresosɛm 6:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 “Afei me Nyankopɔn, bue w’aniwa,+ na yɛ aso+ tie ofie yi ho mpae a merebɔ yi. Dwom 17:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Misu frɛ wo, efisɛ wubegye me so, O me Nyankopɔn.+Yɛ aso ma me. Tie m’asɛm.+ Dwom 65:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.+ Dwom 71:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Wo trenee mu na yi me, na gye me.+Yɛ aso ma me na gye me nkwa.+ Dwom 130:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 O Yehowa, tie me nne.+Yɛ asõ tie me nkotɔsrɛ nne.+