55Hwɛ, mo a osukɔm de mo nyinaa!+ Mommra nsu ho.+ Wɔn a wonni sika nso mmra. Mommra mmɛtɔ na munni.+ Mommɛtɔ nsã+ ne nufusu;+ ɛnyɛ sika na wɔde tɔ na bo biara nna so.+
17 Na honhom+ no ne ayeforo+ no kɔ so ara ka sɛ: “Bra!” Na ma nea ɔte biara nka sɛ: “Bra!”+ Na ma nea osukɔm de no biara mmra;+ na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.+