Yesaia 52:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Hwɛ, m’akoa+ de nhumu bɛyɛ ade.+ Obenya dibea a ɛkorɔn, wɔbɛma no so, wɔbɛpagyaw no papaapa.+ Mateo 12:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 “Hwɛ! M’akoa+ a mapaw no, nea medɔ no+ a me kra agye no atom! Mede me honhom begu no so,+ na ɔbɛma amanaman no ahu atɛntrenee pefee. Yohane 4:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “M’aduan+ ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde+ na mawie n’adwuma.+ Yohane 6:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 efisɛ mifi soro+ aba sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, ɛnyɛ m’ankasa m’apɛde.+
18 “Hwɛ! M’akoa+ a mapaw no, nea medɔ no+ a me kra agye no atom! Mede me honhom begu no so,+ na ɔbɛma amanaman no ahu atɛntrenee pefee.