Dwom 79:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nkae yɛn agyanom mfomso mmu ngu yɛn so.+Yɛ ntɛm ɛ! Ma w’adɔe mmehyia yɛn,+Na yɛabotow koraa.+ Yeremia 31:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 “Na obi renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio+ sɛ, ‘Munhu Yehowa!’+ Efisɛ wɔn nyinaa behu me, efi akumaa so kosi ɔkɛse so,”+ Yehowa asɛm ni. “Na mede wɔn mfomso befiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+ Hebrifo 10:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Na ɛka wɔ ɛno akyi sɛ: “Na merenkae wɔn bɔne ne wɔn mmaratode bio da.”+
34 “Na obi renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio+ sɛ, ‘Munhu Yehowa!’+ Efisɛ wɔn nyinaa behu me, efi akumaa so kosi ɔkɛse so,”+ Yehowa asɛm ni. “Na mede wɔn mfomso befiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+