17 Sɛ moyɛ saa a, Yehowa abufuw bɛdɛw ahyɛ mo, na ɔbɛto ɔsoro mu na osu rentɔ,+ na asase remmɔ aduan. Ɛba saa a, ɛrenni da bi na moawuwu afi asase pa a Yehowa de ama mo no so.+
7 “‘Enti aka asram abiɛsa ma twabere adu no mamma osu antɔ amma mo;+ na memaa osu tɔɔ kurow biako mu, nanso mamma antɔ wɔ kurow foforo mu. Osu tɔ guu asase biako so, na asase a mamma osu antɔ angu so no so woe wosee.+