38 Ɛbae sɛ bere a ɔkɔɔ ne nyame+ Nisrok+ fie kɔkotowee no, n’ankasa mma Adramelek ne Sareser de nkrante kum no,+ na woguan kɔɔ Ararat+ asase so. Na ne ba Esar-Haddon+ bedii n’ade.
20 “Mommoa mo ano mmra.+ Mommom ntwiw mmɛn, mo a moaguan afi amanaman mu.+ Wɔn a wɔsoso ohoni a wɔde dua asen anaa wɔbɔ onyame a ontumi nnye nkwa mpae no nnim hwee.+
7 Wɔde no si wɔn kɔn ho+ kɔsoɛ no si ne sibea, na egyina faako kyerebenn; ɛntwe ne ho nkɔ benkum anaa nifa.+ Sɛ obi teɛm frɛ no a, ommua, na ontumi nnye obi mfi n’ahohia mu.+