Dwom 51:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 51 O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛnea w’adɔe te.+Sɛnea wo mmɔborɔhunu bebrebe te no, popa me mmarato.+ Dwom 103:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no,+Saa na wama yɛne yɛn mmarato ntam aware.+ Yesaia 1:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Yehowa asɛm ni: “Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yiye.+ Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma,+ na ayɛ kɔɔ te sɛ ɔkɔben mpo a, ɛbɛyɛ te sɛ oguan nhwi. Yesaia 43:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 “Me—m’ankasa na mepopa+ wo mmarato,+ me din nti.+ Na merenkae wo bɔne bio.+ Yeremia 33:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Medwira wɔn ho afi wɔn mfomso a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa ho,+ na mede wɔn mfomso a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde ato me mmara no nyinaa bɛkyɛ wɔn.+ Asomafo Nnwuma 3:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “Enti monsakra mo adwene,+ na monnan mo ho+ mma wɔmpopa mo bɔne,+ na ahosan mmere+ afi Yehowa ankasa nkyɛn aba
18 Yehowa asɛm ni: “Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yiye.+ Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa te sɛ sukyerɛmma,+ na ayɛ kɔɔ te sɛ ɔkɔben mpo a, ɛbɛyɛ te sɛ oguan nhwi.
8 Medwira wɔn ho afi wɔn mfomso a wɔde ayɛ me bɔne no nyinaa ho,+ na mede wɔn mfomso a wɔde ayɛ me bɔne na wɔde ato me mmara no nyinaa bɛkyɛ wɔn.+
19 “Enti monsakra mo adwene,+ na monnan mo ho+ mma wɔmpopa mo bɔne,+ na ahosan mmere+ afi Yehowa ankasa nkyɛn aba