Dwom 29:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Yehowa na ɔbɛma ne nkurɔfo ahoɔden.+Yehowa na ɔde asomdwoe+ behyira ne nkurɔfo. Yesaia 26:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Yehowa, wubebu asomdwoe atɛn ama yɛn,+ efisɛ yɛn nnwuma nyinaa woayɛ ama yɛn.+ 2 Korintofo 1:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoe nka mo.+