Numeri 6:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Yehowa mma ne ti so nhwɛ mo+ na ɔmma mo asomdwoe.”’+ Dwom 72:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ne bere so, ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm,+Na ɔsram da so wɔ hɔ yi, asomdwoe bebu so.+ Dwom 147:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɔma asomdwoe ba wo man mu;+Ɔma wunya awi mu srade di mee.+ Romafo 15:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Onyankopɔn a ɔma asomdwoe no ne mo nyinaa ntena.+ Amen. 1 Korintofo 1:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Adom+ ne asomdwoe+ a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ nka mo.+