9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima+ ama wo. Ɔno de, ɔbɛyɛ ahodwo nipa, na mɛma ne ho adwo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam;+ Solomon+ na wɔbɛfrɛ no, na mɛma Israel anya asomdwoe+ ne kommyɛ wɔ ne bere so.
4 Na obebu atɛn wɔ amanaman no mu,+ na obesiesie+ nsɛm ama aman pii.+ Na wɔde wɔn nkrante bɛyɛ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrante wɔ ɔman bi so, na wɔrensua akodi bio.+
6 Wɔawo akokoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahenni bɛda ne mmati so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoe Hene.+