Leviticus 26:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na mɛma asomdwoe aba asase no so,+ na mobɛda a obiara renyi mo hu.+ Mɛhwɛ sɛ aboa bɔne biara remma asase no so,+ na obiara rentwe nkrante wɔ mo so.+ Dwom 29:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Yehowa na ɔbɛma ne nkurɔfo ahoɔden.+Yehowa na ɔde asomdwoe+ behyira ne nkurɔfo. Dwom 122:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Monhwehwɛ asomdwoe mma Yerusalem kurow.+O kurow, wɔn a wɔdɔ wo no asom bedwo wɔn.+ Yesaia 45:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Me na meyɛ hann+ na mebɔ sum,+ meyɛ asomdwoe+ na mebɔ mmusu.+ Me Yehowa na meyɛ eyinom nyinaa.+ Yesaia 60:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Mede sika kɔkɔɔ besi kɔbere ananmu,+ na mede dwetɛ asi dade ananmu, na kɔbere asi dua ananmu, na dade asi abo ananmu. Na mɛpaw asomdwoe sɛ wo hwɛfo+ na trenee ayɛ w’adwuma so panyin.+ Romafo 15:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Onyankopɔn a ɔma asomdwoe no ne mo nyinaa ntena.+ Amen.
6 Na mɛma asomdwoe aba asase no so,+ na mobɛda a obiara renyi mo hu.+ Mɛhwɛ sɛ aboa bɔne biara remma asase no so,+ na obiara rentwe nkrante wɔ mo so.+
17 Mede sika kɔkɔɔ besi kɔbere ananmu,+ na mede dwetɛ asi dade ananmu, na kɔbere asi dua ananmu, na dade asi abo ananmu. Na mɛpaw asomdwoe sɛ wo hwɛfo+ na trenee ayɛ w’adwuma so panyin.+