3 Yehowa bɛkyekye Sion werɛ.+ Ɔbɛkyekye n’amamfõ nyinaa werɛ,+ na ɔbɛma ne sare ayɛ sɛ Eden+ na n’anhwea pradada ayɛ sɛ Yehowa turo.+ Anigye ne ahurusi, aseda ne dwonto bɛyɛ no mã.+
18 Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntamadan mu atukɔfo no ano+ na mahu ne ntamadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekye kurow no asi ne bepɔw no+ so, na abantenten no besi ne sibea bio.+