Genesis 12:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Fi wo man ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ ɔman a mɛkyerɛ wo no so;+ Genesis 15:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛnna Abram kae sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, dɛn na wode bɛma me? Mprempren minni ba na nea ɔbɛfa me fie ne Elieser+ a ɔyɛ Damaskoni.” Nehemia 9:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wone Yehowa, nokware Nyankopɔn no, wo na wopaw Abram,+ na wuyii no fii Kaldeafo+ asase Ur so, na wotoo no din Abraham.+ Hesekiel 33:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 “Onipa ba, wɔn a wɔtete Israel mmeae a asɛe+ yi ka sɛ, ‘Ná Abraham yɛ obiakofo nanso odii asase no so.+ Yɛn de, yɛdɔɔso; wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa.’+
12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Fi wo man ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ ɔman a mɛkyerɛ wo no so;+
2 Ɛnna Abram kae sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, dɛn na wode bɛma me? Mprempren minni ba na nea ɔbɛfa me fie ne Elieser+ a ɔyɛ Damaskoni.”
7 Wone Yehowa, nokware Nyankopɔn no, wo na wopaw Abram,+ na wuyii no fii Kaldeafo+ asase Ur so, na wotoo no din Abraham.+
24 “Onipa ba, wɔn a wɔtete Israel mmeae a asɛe+ yi ka sɛ, ‘Ná Abraham yɛ obiakofo nanso odii asase no so.+ Yɛn de, yɛdɔɔso; wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa.’+