7 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mede asase+ yi bɛma w’asefo.”+ Ɛno akyi no osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.
5 Nanso wamma no bi sɛ agyapade, wannya ɔnammɔn biako mpo;+ na mmom ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no sɛ agyapade,+ na n’akyi no ɔde bɛma n’asefo,+ nanso saa bere no na onni ba.+