Mateo 8:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 na nea wɔnam odiyifo Yesaia so kae no baa mu sɛ: “Ɔno na ɔfaa yɛn nyarewa na ɔsoaa yɛn ahoɔmmerɛw.”+ Mateo 9:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na hwɛ! na wɔde obubuafo bi a ɔda kɛtɛ so rebrɛ no.+ Bere a Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne afiri wo.”+ Mateo 9:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na hwɛ! ɔbea bi a mogya atu no+ mfe dumien fi n’akyi de ne nsa bɛkaa n’atade nguguso ano;+ Mateo 9:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Afei wɔrefi hɔ no, hwɛ! nkurɔfo de mum bi a ɔwɔ adaemone brɛɛ no,+ Luka 5:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Yesu bua see wɔn sɛ: “Wɔn a wɔte apɔw no nhia ɔyaresafo,+ na wɔn a wɔyare no de, wohia.+
17 na nea wɔnam odiyifo Yesaia so kae no baa mu sɛ: “Ɔno na ɔfaa yɛn nyarewa na ɔsoaa yɛn ahoɔmmerɛw.”+
2 Na hwɛ! na wɔde obubuafo bi a ɔda kɛtɛ so rebrɛ no.+ Bere a Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne afiri wo.”+